Job 23

Hiob Mmuae

1Na Hiob buae se,
2 “Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den;
ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.

3 Sɛ minim baabi a mehu no;
anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a

4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim
na magye akyinnye bebree.

5 Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me,
na madwen nea ɔbɛka ho.

6 Ɔbɛsɔre atia me dennen ana?
Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

7 Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,
na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.


8 “Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ;
sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.

9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no;
sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.

10 Nanso onim ɔkwan a menam so;
na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.

11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;
na manantew nʼakwan so a mamman.

12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho,
mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.


13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no?
Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

14 Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me;
ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.

15 Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim;
na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.

16 Onyankopɔn ama me koma abotow;
Otumfo ama mabɔ huboa.

17 Nanso sum no mma menka mʼano nto mu,
sum kabii a ɛkata mʼanim no.

Copyright information for TwiAKNA